Ezra 7:21-26

21Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de kɔ agyapade akorae a ɛwɔ asu Efrate agya no sɛ: Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, efisɛ ɔyɛ ɔsɔfo ne ɔsorosoro Nyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛfo. 22Ɛsɛ sɛ moma no kosi dwetɛ nkaribo pɔn mpem ason ne ahannum, atoko susukoraa ahannum, nsa gyare ahannum aduonum, ngo gyare ahannum aduonum ne nkyene a wontumi mmu ano. 23Monhwɛ yiye, na biribiara a Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro no abisa ama nʼasɔredan no, momfa mmra. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn abufuw ba ɔhene ne ne mmabarima so? 24Mesan hyɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo, Lewini, nnwontofo, ɔpon ano hwɛfo, asɔredan mu somfo anaa obiara a ɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no tua tow biara.

25Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asennifo ne atemmufo a wonim mo Nyankopɔn mmara no, na wodi nnipa a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn.

26

Obiara a obebu mo Nyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wobekum no, wobetwa no asu, wɔbɛfa nʼagyapade anaa wɔde no bɛto afiase sɛ asotwe.
7.21-26 Wɔkyerɛw saa ɔfa yi wɔ Arameike kasa a saa bere no na wɔde di dwuma no mu.

Copyright information for TwiAKNA